Psalms 7

Atemmu mpaebɔ

1O Awurade, me Nyankopɔn, meba wo nkyɛn sɛ bɔ me ho ban.
Gye me fi wɔn a wɔtaa me no nsam.
2Na wɔansoa me ankɔ sɛ obi a gyata akyere no a obiara rentumi nnye me nkwa na wɔatetew me mu asinasin.
3O Awurade me Nyankopɔn, sɛ mayɛ obi bɔne, anaasɛ mayi obi ama, anaasɛ mayɛ obi a ɔne me te yiye bɔne a,
4anaa mebɔ me tamfo korɔn kwa a, anaa mayɛ eyinom mu bi a,
5ma mʼatamfo ntaa me nkyere me; ma wontwa me nhwe fam na wonkum me na wonnyaw me funu wɔ fam.
6Sɔre wɔ wʼabufuw mu,
O Awurade!
Sɔre tia mʼatamfo abufuw.
Ma wo ho so na boa me.
Atɛntrenee na wohwehwɛ;
7enti ma nnipa nyinaa mmetwa wo ho nhyia na fi soro di wɔn so.
8Wone adasamma temmufo; enti O Awurade, di ma me efisɛ, wunim me mu fann.
9Woyɛ Onyankopɔn ɔtreneeni a wubu yɛn adwene ne yɛn apɛde atɛn.
Siw nnebɔneyɛfo kwan na hyira atreneefo.
10Onyankopɔn yɛ me hwɛfo.
Ogye wɔn a wotie nʼasɛm nkwa.
11Onyankopɔn yɛ ɔtemmufo treneeni a daa obu nnebɔneyɛfo fɔ.
12Na sɛ wɔansesa wɔn akwan a,
Onyankopɔn bɛsew ne nkrante.
Okuntun ne tadua mu siesie no.
13Ɔfa nʼakode a ɛyɛ hu de ne bɛmma a ɛredɛw no sɔn wɔn so.
14Sɛɛ na nnebɔneyɛfo dwen bɔne ho; wodwen ɔhaw ho na wɔaso nnaadaa mu.
15Na firi a wosum afoforo no, wɔn ara na eyi wɔn.
16Enti wɔn ankasa wɔn bɔne na ɛtwe wɔn aso na wɔn basabasayɛ apira wɔn.
17Meda Awurade ase wɔ nʼatɛntrenee ho.
Meto ayeyi nnwom ma Awurade,
Ɔsorosoroni no.
Copyright information for TwiNAK